Nwomasua ho sikasɛm mmoa ho kwan

Kristiɛnbɔk tete fɔm nnoɔma nhwehwɛmu abakɔsɛm agyapadeɛ dwumadie to nensa frɛ wɔ sɛ fa wo nkrataa bra, sɛ wopɛ sɛ wɔboa wo wɔ mfeɛ nnan suapɔn adesua sikasɛm mua.

Deɛ wɔbɛdi nkunim na yɛafa no no bɛyɛ kuoba a wobɛka yɛn ho ayɛ adwuma no bi, na wɔakɔsua adeɛ afa tete fɛm nnoɔma nhwehwɛmu abakɔsɛm ho, nnoɔma wɔde kyerɛ amammerɛ ase ho ne adesua ɛfa nnipa abrabɔ ne asetena mu nsakyerayɛ ahodoɔ ho ne abibiremfoɔ ne wɔn agyapdeɛ ho adesua, wɔ ghana suapɔn a ɛwɔ ‘legon’ no mu.

Afei nso yɛbɛma wɔn a wɔbɛdi nkunim sɛ yɛbɛboa wɔn wɔ suapɔn sukuu hwɛ mu no mmerano merano nteteɛ wɔ mmerɛ dodoɔ a wode bɛkɔ suapɔn no. Wobɛkɔso nso adi dwuma wɔ nhwehwɛmu no mu, ɛnkanka, abɔnten dwumadie ne mfeefee mu a ɛfa ‘cahp’ dwumadie ho wɔ mmerɛ a wɔresua adeɛ wɔ sukuu ne mmerɛ a woaba akwanma. Yei bɛma wɔnya suahunu ne akokoɔduru na wadi ntimtimban wɔ tete fɛm nnoɔma nhwehwɛmu abakɔsɛm mu ɛnam sɛ wɔne wɔn a woapo na bɛdi nsawosoɔ.

ɔkwan a ɔfa so Yiyie

  1. Nwomasua ho mɔdenmɔ
    Hunu yie: ɛtwa sɛ wɔn a ɔde wɔn nkrataa bɛba no wɔ ntoasoɔ sukuu (secondary school) abɔdin krataa emerɛ a wɔde wɔn nkrataa no brɛ yɛn no.
  2. Dwumadie mmɔdenmɔ
  3. Mpɔtam Dwumadie ho ahokeka
  4. Sika ho ahiadeɛ

ɛwɔ sɛ saa nnoɔma yi wɔ wo nkrataa no mu:

  1. Krataa wode pɛ mmoa (Application form)
  2. Krataa a wo ho nsɛm wo mu (C. V.); mepawokyewo ɛyɛ a fa woadesua ne w’adwuma ho abakɔsɛm ne nimdeɛ biara ɛho hia a wanya ka ho.
  3. Nnipa mmieɛsa (3) a wɔbɛdi woho adanseɛ gu nkrataa so (ayɛ a fa brɛ agyinatukuo no tee)
  4. Twerɛ kratafa nnum na kyerɛ deɛ nti a wopɛ sɛ yɛboawo wo w’adesua sikasɛm mu na wosusu sɛ wona ɛhia sɛ yɛboa wo (A4, ‘double-spaced’)
    Hunu yie: Wobɛtumi nso de mfoni, adrɔɔdrɔɔ anaa dawurobɔ nnwuma a wowɔ abrɛ yɛn ma yɛ ahwɛ.

Hyɛ nnoɔma yie nso:

  1. ɛsɛsɛ wotwerɛ wo nkrataa no nyinaa wɔ brofo kasa mu
  2. Nkrataa wode ɛho akadeɛ nyinaa aka ho na wobɛgye na wɔahwɛ
  3. ɛsɛsɛ wode wo nkrataa no brɛ yɛn wɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛdi kan a ɛdi adesua afe no anim wɔ ɔdasuom Ghana mmerɛ mu. YɛNNSɔ nkrataa wɔamfa amma ntɛm no mu biara mu.
  4. Fa wo nkrataa no fa [email protected] so brɛ yɛn [email protected]

ɛkwan a yɛfa so yie:

  1. Yɛbɛ hwehwɛ nkrataa no mu wɔ ɔbɛnem bosome no mu
  2. Nsɛmmisa no bɛbaso wɔ Ayɔwohomumɔ bosome no mu
  3. Wɔn a wɔde wɔn nkrataa baeɛ no benya mmuaeɛ afiri agyinatukuo no hɔ wɔ Kutawonsa bosome no mu.
  4. Nwomasua sikasɛm mmoa no bɛhyɛ aseɛ ɔbɔ bosome no mu.

CAHP yɛ dwumadie a ɛmma obiara akwannya pɛpɛɛpɛ. Dodoɔ wɔde wɔn nkrataa ba sɛ wɔpɛ moa na wɔbɛtumi anya ahiadeɛ no nyinaa no, wɔbɛma wɔn akwannya mmerɛ a ɔrenhwɛ mfeɛ, abusuakuo, nnipakuo, ahosuo, ɔsom, sɛ ɔyɛ ɔbaa anaase barima, anaasɛ sɛ wɔadi dɛm. Yɛhyɛ asuafoɔ a wɔn mfeɛ kɔ nkan ne mmaa nkuran sɛ wɔn nso nfa wɔn nkrataa mmra.

Fa wo nsɛmmisa biara brɛ agyinatukuo titenani wɔ:
[email protected]

Abasubɔ ɛbisadiɛ nhuma

Download and complete the application form. ( Download application form here )

Check all requirements above.

Please complete the form and attach the required files.

    Files accepted include: jpg | jpeg | png | gif | pdf | doc | docx
    Max File Size: 1mb