Nwomasua sikasɛm mmoa ahyehyɛdeɛ

Fotoɔ a ɛnni hɔ yɛ akwansideɛ kɛseɛ ma suapɔn ho kwan nya wɔ Ghana ɛnnɛ yi. Kristiɛnbɔk tete fɛm nnoɔma Nhwehwɛmu Abakɔɛm Agyapadeɛ Dwumadie (The Christiansborg Archaeological Heritage Project) yɛ nnipa dodoɔ nkabɔmu ne mpɔtam kwan so adesua a ɛfa Kristiɛnbɔk Abankɛseɛm ho, wɔ Osu, Nkran na yɛhwɛ sɛ yɛbɛpɛ mmuaeɛ ama saa ɔhaw yi.

Yɛɛyɛ nhyehyeɛ sɛ yɛbɛboa mpɔtam mma a wɔn de wɔn ho ahyɛ ‘CAHP’ dwumadie mu, na wɔpɛ sɛ wɔtoa wɔn adesua so wɔ tete fɛm nnoɔma nhwehwɛmu abakɔsɛm ho, nnoɔma wɔde kyerɛ amammerɛ ase ho, ne adesua ɛfa nnipa abrabɔ ne asetena mu nsakyerayɛ ahodoɔ ho, ne Abibiremfoɔ ne wɔn agyapdeɛ ho adesua, wɔ Ghana Suapɔn a ɛwɔ ‘Legon’ no mu.

Yɛne Osu ahemfo badwa, Osu mpɔtamfoɔ ne Ghana aban bɛka abom ayɛ adwuma de ahwehwɛ na yɛaboa adesuafoɔ mmienu a wɔbɔ wɔn ho mmɔden nanso wɔhia sikasɛm mu mmoa na yɛama wɔn fotoɔ a wɔde bɛkɔ Suapɔn na woanya bi nso atua ɛka afoforɔ.

Afei nso yɛbɛma wɔn a wɔbɛdi nkunim sɛ yɛbɛboa wɔn wɔ Suapɔn sukuu hwɛ mu no mmerano merano nteteɛ wɔ mmerɛ dodoɔ a wode bɛkɔ Suapɔn no. Wobɛkɔso nso adi dwuma wɔ nhwehwɛmu no mu, ɛnkanka, abɔnten dwumadie ne mfeefee mu a ɛfa ‘CAHP’ dwumadie ho wɔ mmerɛ a wɔresua adeɛ wɔ sukuu ne mmerɛ a woaba akwanma. Yei bɛma wɔnya suahunu ne akokoɔduru na wadi ntimtimban wɔ tete fɛm nnoɔma nhwehwɛmu abakɔsɛm mu ɛnam sɛ wɔne wɔn a woapo na bɛdi nsawosoɔ.

Yɛwɔ ahotosoɔ sɛ, sɛ wonya suapɔn abodin a ɛdi kan ne afotuo ne adwuma suahunu no a mfasoɔ bɛba ama adesuafoɔ a yɛbɛtua wɔn sukuu ho ka no ama wɔn gyinabea pa sɛ wpɛse wobɛtoa wɔn adesua so anaase wɔbɛhwehwɛ nteteɛ foforɔ aboa ama wɔn daakye nnwuma akwannya akɔ nkan, na wɔatumi nso aboa wɔn mpɔtam ne Ghana Agyapadeɛ.

Sɛ wopɛsɛ woma a, mepawokyewo, mia deɛ ɛwɔ fɛm yi so
https://www.gofundme.com/archaeology-for- all

Mepaakyewo, yi bi boa seesei ara!

Yɛdawase sɛ woreyi bi aboa

Kristiɛnbɔk tete fɔm nnoɔma Nhwehwɛmu Abakɔsɛm Agyapadeɛ Dwumadie